Psalms 36

Onipa bɔne su

1Bɔne kasa kyerɛ ɔdebɔneyɛfo ma edu ne koma mu pɛɛ; ɔpa Onyankopɔn na onni no ni.
2Esiane sɛ odwen nʼankasa ho nti, osusuw sɛ Onyankopɔn renhu ne bɔne mmu no fɔ.
3Ne kasa yɛ bɔne na atoro ahyɛ no ma; afei ɛnyɛ ade a nyansa wɔ mu na ɔyɛ.
4Ɔda mpa so no, na ɔredwen bɔne ho.
Biribiara nni hɔ a ɔyɛ a, eye.
Na ɔmpɛ sɛ ogyaa bɔneyɛ.
5 Awurade, wo dɔ a ɛnsa da no du sorosoro.
Wo nokware du sorosoro.
6Wo trenee hɔre te sɛ mmepɔw.
Wʼatɛntrenee mu dɔ sɛ ɛpo mu.
Nnipa ne mmoa nyinaa hyɛ wo nsa.
7O Onyankopɔn, wo dɔ a ɛnsa da no som bo!
Yenya guankɔbea wɔ wo ntaban nwini no ase.
8Yedi nnuan bebree a wode ma yɛn no.
Woma yɛnom wʼadom asuten no mu.
9Wone nkwa nyinaa ti, esiane wo hann nti, yehu hann no.
10Kɔ so dɔ wɔn a wonim wo no, na yɛ atreneefo papa.
11Mma ahantanfo mma me so; anaa mma nnebɔneyɛfo mma me nnguan.
12Hwɛ baabi a nnebɔneyɛfo atetew ahwe.
Wɔn na wɔdeda hɔ a wontumi nsɔre no.
Copyright information for TwiNAK